Safo Newman - Akokoa Text

Songtext zu Akokoa

Anɔpa
Ɔbɛkɔ asɔredanm', na wato dwom
"Holy, Holy"
Ɛyɛ moma
Fa bɔ fam hɔ
Akyiriwia (tie), Masalakyi

Akɔkoa, me home rete
Ɔfrɛ me sɛ, "Kwakye, bankye"
Ne ba barima deɛ, ɛyɛ Sweetie
Ɔmpɛ m'asɛm da, kankabi
Nsuo ankorɛ mmiɛnsa, meretwe
Efii a ɛwɔ fam, meretwitwi
Ɛnneɛma adeɛ ma, merebɛsi

Memposa nwieeɛ a, mennidi
Daabi o

Nsonsonoeɛ wɔ mu
Deɛ ɔyɛ me no, ɔnyɛ Joe Boy saa
Ɔgyegye no so mmoroso mmoroso
Ɔno deɛ, ne ba aah
Adeɛ a merehunu no, ɛnyɛ me nko
Ɛrekɔso mmea-mmea
Som Nyame
Nso ne dɔ ntra ne yam mma
Daabi o

Anɔpa
Ɔbɛkɔ asɔredanm', na wato dwom
"Holy, Holy" (Praise Him!)
Ɛyɛ moma
Fa bɔ fam hɔ
Akyiriwia, Masalakyi (Alhamdulillah)

Ɔregu nsa
Nananom Bosom, fufu tɔ ɛmma no nni (wiɛw!)
Ɔwie a
Ɔbɛba fie, na wabɛyɛ me sɛ tosa

Anɔpa (Nyamesomfoɔ, montie me o)
Ɔbɛkɔ asɔredanm', na wato dwom
"Holy, Holy"
Ɛyɛ moma (mfa ɔtan mmu dɔ, dɔ dasani o)
Fa bɔ fam hɔ
Akyiriwia, Masalakyi

Ɔregu nsa (na Nyame a Ɔwɔ soro hɔ yi, yɛnhu No o)
Nananom Bosom, fufu tɔ ɛmma no nni
Ɔwie a (ɛmma no nyɛ wo yam ba-)
Ɔbɛba fie, na wabɛyɛ me sɛ tosa
Oh-oh
Oh, oh-oh
Oh-oh

Nkyerɛ me sɛ ɔrehyɛ me den
Nokware wɔ hɔ, ntoto no ase
Deɛ ɔde me reyɛ yi deɛ, ɛyɛ nkoasom
Deɛ worekeka yi yɛ mmuammuaso
Me ntaadeɛ, ɛfa atete
Baabi a meda, ɛhɔ awewe
Ɔse, "Wompɛ deaa da abɔnten"
Nso nyɛ sɛ ebi a meyɛɛ asoɔden
Daabi o

Nsonsonoeɛ wɔ mu
Deɛ ɔyɛ me no, ɔnyɛ Joe Boy saa
Ɔgyegye no so mmoroso mmoroso
Ɔno deɛ, ne ba aah
Adeɛ a merehunu no, ɛnyɛ me nko
Ɛrekɔso mmea-mmea
Som Nyame
Nso ne dɔ ntra ne yam mma
Daabi o

Me maame, Maame Dora, frɛ no a
Na waka sɛ, me na memmu adeɛ
Me nana, Kwakye Barima, deɛ, ɔtu fo o
Ɔse mete ne nkyɛn nti
'Yɛ a menya abotare

Pam, pam, pa-nah
Pam, pam, pa-nah
Meyɛ akwadaa nti, boo, mɛyɛ no deɛn?
Pam, pam, pa-nah (uu-oo, oh)
Pam, pam, pa-nah (oh)
Meyɛ akwadaa nti, boo, mɛyɛ no deɛn?

Anɔpa
Ɔbɛkɔ asɔredanm', na wato dwom
"Holy, Holy" (Praise Him!)
Ɛyɛ moma
Fa bɔ fam hɔ
Akyiriwia, Masalakyi (Alhamdulillah)

Ɔregu nsa
Nananom Bosom, fufu tɔ ɛmma no nni (wiɛw!)
Ɔwie a
Ɔbɛba fie, na wabɛyɛ me sɛ tosa

Anɔpa (Nyamesomfoɔ, montie me o)
Ɔbɛkɔ asɔredanm', na wato dwom
"Holy, Holy"
Ɛyɛ moma (mfa ɔtan mmu dɔ, dɔ dasani o)
Fa bɔ fam hɔ
Akyiriwia, Masalakyi

Ɔregu nsa (na Nyame a Ɔwɔ soro hɔ yi, yɛnhu No o)
Nananom Bosom, fufu tɔ ɛmma no nni
Ɔwie a (ɛmma no nyɛ wo yam ba-)
Ɔbɛba fie, na wabɛyɛ me sɛ tosa

Nyamesomfoɔ, montie me o
Mfa ɔtan mmu dɔ, dɔ dasani o
Na Nyame a Ɔwɔ soro hɔ yi, yɛnhunu No o
Ɛmma no nyɛ wo yam ba anaa ɔdɔ foforɔ o

Safo Newman - Akokoa Songtext

zu Akokoa von Safo Newman - Akokoa Lyrics Safo Newman - Akokoa Text Akokoa Safo Newman Akokoa Liedtext Safo Newman - Akokoa Songtekst Safo Newman - Akokoa Tekst
Album: Akokoa (2023)

Noch keine Übersetzung vorhanden. Musik-Video-Miniaturansicht zu Akokoa Songtext von Safo Newman

Video zum Akokoa


Akokoa Songtext von Safo Newman


Andere Songtexte und Deutsche Übersetzungen

von Safo Newman

Beliebt Lyrics

Frank Zappa - Bobby Brown Goes Down Songtext

Frank Zappa - Bobby Brown Goes Down

Songtext & Übersetzung
JOE COCKER - Unchain My Heart Songtext

JOE COCKER - Unchain My Heart

Songtext & Übersetzung
GENTLE GIANT - Aspirations Songtext

GENTLE GIANT - Aspirations

Songtext & Übersetzung

Beliebt Neu Songtexte